jdapaah commited on
Commit
24afb25
1 Parent(s): aa75613

Upload 61 files

Browse files
This view is limited to 50 files because it contains too many changes.   See raw diff
clips.tsv ADDED
@@ -0,0 +1,61 @@
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
 
1
+ audio_id filepath sentence
2
+ 9b51ad2fdca729bbefca9e2900853fbc9885fae0 rom1_4_01.mp3 Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. Wɔnam Onyankopɔn adiyifoɔ so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dada no mu. Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akɔkoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
3
+ 901c51c1de389439927f7665ea4f3f337b40ec77 rom1_4_02.mp3 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, ɛfiri sɛ, wɔnyanee no firii awufoɔ mu. Ɛnam Kristo so enti na Onyankopɔn maa meyɛɛ ɔsomafoɔ maa Kristo, sɛdeɛ nnipa nyinaa nam gyidie so bɛyɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifoɔ no nso, moka ho bi.
4
+ 1f22f16422e9df1e671c7c522e8234458e637095 rom1_4_03.mp3 Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Aseda Mpaeɛ Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, ɛfiri sɛ mo gyidie a mowɔ no aduru ewiase afanan nyinaa.
5
+ 86e7d4535badf2211e9a9bd0cb29b000c0e303a9 rom1_4_04.mp3 Onyankopɔn a mede mʼakoma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ, deɛ meka no yɛ nokorɛ. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. Ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mentumi mmɛsra mo seesei ara. Ɛfiri sɛ, mepere mehwehwɛ sɛ, mɛhunu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
6
+ 7826ddd56d4dd1272bd237c3d2c777e64599b051 rom1_4_05.mp3 Deɛ mekyerɛ ne sɛ, me ne mo nyinaa bɛnya honhom mu ahoɔden ɛberɛ korɔ mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidie mu den. Me nuanom, monkae sɛ ɛberɛ biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛdeɛ mayɛ wɔ amanamanmufoɔ mu no. Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani ate ne wɔn a wɔn ani nteeɛ, wɔn a wɔasua adeɛ ne wɔn a wɔnsuaa adeɛ nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodie.
7
+ a474af18f5b9ba69e0488511e46e8be64752f6bd rom1_4_06.mp3 Ɛno enti, mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo. Mʼani nwu Asɛmpa no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidie nyinaa nkwa; Yudafoɔ kane ɛnna amanamanmufoɔ no nso. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛdeɛ Onyankopɔn ma yɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛnam gyidie so na wama yɛayɛ saa.
8
+ bc7e344be184a314b1554b2f843e075b1d376491 rom1_4_07.mp3 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa. Onyankopɔn da nʼabufuo adi firi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ne nnipa a wɔde nokorɛ no hinta afoforɔ no. Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn akoma mu. Ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ ewiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi.
9
+ d1f1fdc5160a6baa233c3203e28abbfd5e8d5455 rom1_4_08.mp3 Nnipa nam Onyankopɔn abɔdeɛ so tumi hunu saa nneɛma yi, enti wɔnni anoyie biara. Wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne anidie a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. Wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ nanso wɔyɛ nkwaseafoɔ.
10
+ eba4e15e353a370f4e86ac6e630402529bca0344 rom1_4_09.mp3 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onimuonyamfoɔ a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne aboɔ yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa somm wɔn. Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso. Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atorɔsɛm na wɔsomm abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a daa wɔkamfo no no.
11
+ b6b843f5575ea338019a9f1d0bc7d80973c8f74b rom1_4_10.mp3 Esiane saa enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwudeɛ. Na mpo wɔn mmaa fa wɔn yɔnkonom mmaa. Saa ara nso na na mmarima ne mmaa nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn maa wɔne wɔn ho wɔn ho daeɛ nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokorɛ no enti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
12
+ b6eb61722ea618a0487f3847fb78ad54b8adf619 rom1_4_11.mp3 Amumuyɛ ahodoɔ nyinaa, bɔne, anibereɛ ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudie, akasakasa, nsisie ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wɔdii nsekuro, kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforɔ ho;
13
+ 2472a34a7e46afd57b719f87fba09dd4db6ebccc rom1_4_12.mp3 wɔkyirii Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutupɛ, ahantan ne ahomasoɔ. Na daa wɔdwene sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofoɔ asɛm. Na wɔnni suban;
14
+ 167cfee5c24ec2e6b5ead49977de82a0ee846779 rom1_4_13.mp3 na wɔnni wɔn bɔhyɛ so; na wɔnni ayamyɛ ne ahummɔborɔ ma afoforɔ. Na wɔnim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase saa kwan so no sɛ owuo. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afideɛ no, na mmom, wɔpenee afoforɔ a wɔyɛɛ saa bɔne korɔ no ara bi no so.
15
+ 675af15244bc3548f850523d0c4d93b63fd65ea2 rom1_4_14.mp3 Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi. Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no. Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a,
16
+ a0de1bdadda57b8d77fe1af2952c9b8f88893ab9 rom1_4_15.mp3 wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho? Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no.
17
+ 45a648cd0caf4facb88b84a7225d97c9f99aba9a rom1_4_16.mp3 Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so. Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.
18
+ dc213bd64e666db8cd149e24b4788fee4d54c49c rom1_4_17.mp3 Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu. Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn.
19
+ 98c3f6c1787f3780794aa6f59b453db1d3d5cafb rom1_4_18.mp3 Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem. Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn.
20
+ 28a4e6d147e10ad2c688c91896bccf5d77e71b4c rom1_4_19.mp3 Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.
21
+ d4349c6bad7a94f22272addd0aaafa8c8a41e732 rom1_4_20.mp3 Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.
22
+ 68cf789304367445913e1d95be9c86f35b18d1f3 rom1_4_21.mp3 Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ. Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu.
23
+ 398572a843ea9fe70d90ced30a4766dfd20eee8f rom1_4_22.mp3 Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no. Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho?
24
+ 79100cab40f0f2be70967e8470110769740ad549 rom1_4_23.mp3 Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa? Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa?
25
+ b2db935df95184e1fa691e5c41b60cf75b1cdc0a rom1_4_24.mp3 Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn. Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam. Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa?
26
+ 4c031f217889dcc20e8e69a55f3654ca2e8cb127 rom1_4_25.mp3 Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no. Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann.
27
+ ba972c8df357c05d2c4068c68d7121c6d29bb2c3 rom1_4_26.mp3 Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.
28
+ fbf8217b64ffb7528c1c981522cbb83eccefc408 rom1_4_27.mp3 Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ?
29
+ e62a9f869d8c0e76c9cc2d7737c752a4741d2876 rom1_4_28.mp3 Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,
30
+ ea21612bb2220dd30441940989720cf825c1a84f rom1_4_29.mp3 “Wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.” Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)
31
+ 8b5ccb92f5a57388d7deec1d0812fe65c035a10a rom1_4_30.mp3 Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?”
32
+ e0000c1f03a7ef7881324faf963177d5bb36ebe5 rom1_4_31.mp3 Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
33
+ 54c750627c252db278fdde77ad17d5f27a57ecd7 rom1_4_32.mp3 Obiara Ntene Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
34
+ 47dfe6bec8047d356004320e4ccb78108f2ebc72 rom1_4_33.mp3 “Obiara nyɛ ɔteneneeni; obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan. Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.”
35
+ 2d0740c2191c32d8cf5c107aff859556b8f9e6b7 rom1_4_34.mp3 “Wɔn anom te sɛ damena a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.” “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.” “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.” “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho; baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa, na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”
36
+ 462b38b4d6740827674320f284058aa48d5dab42 rom1_4_35.mp3 “Na wɔnnsuro Onyankopɔn.” Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem.
37
+ 0216077885ccf662863f05dc98ea92ab752df0cb rom1_4_36.mp3 Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne. Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ. Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu.
38
+ 72c9f9a69dfa1d9dd33ae58b40a16560799ba9fd rom1_4_37.mp3 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa. Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn.
39
+ 51379454742e036a7fe59c3a1c6550711e858a6b rom1_4_38.mp3 Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho.
40
+ af939ee510ed27d75d41f0aabcd52ff15b3cfd1d rom1_4_39.mp3 Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so.
41
+ f2a32772195273228771bd45fc3cc5777f600170 rom1_4_40.mp3 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi.
42
+ 431eb7419b7ec04421fbfc07b015b75ea4641fb0 rom1_4_41.mp3 Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti.
43
+ 24b74e028608144c4fb69360e95e93ddd96cac46 rom1_4_42.mp3 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn.
44
+ 07a74eeb06abccaf3bad7289e3a488d5b91917f4 rom1_4_43.mp3 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem.
45
+ 2b0143896662761c062032f3ed3c262ab8e3aaab rom1_4_44.mp3 Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.
46
+ 46e2d55ace0365955ee62a6de43fedcb6ec1b72a rom1_4_45.mp3 Wɔgyina Abraham Gyidie So Bu No Bem Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho.
47
+ 52d2b229a921bc3601eafa96c39657184ba6eb29 rom1_4_46.mp3 Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
48
+ e7ea36a2998f2a414d7ca10df0d90d8ee00ea613 rom1_4_47.mp3 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu.
49
+ eacd3179a336ded55bb3eb78184d2b9eb53d0945 rom1_4_48.mp3 Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankop��n nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
50
+ d28127bc8a472b300ca62d213a48cc573813ba3c rom1_4_49.mp3 Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”
51
+ d35c9ac30a4c4dfe3730df4e6b4a6726d3cf4335 rom1_4_50.mp3 Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
52
+ 1f82bc12e0a03ec5a0fbdef9afdba134204574af rom1_4_51.mp3 Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia.
53
+ d800544a1d43cbf47b7720f8b2beff4784332fa9 rom1_4_52.mp3 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
54
+ e4eaaa992d6f345812368f137029e1c1186224b1 rom1_4_53.mp3 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so.
55
+ 11665d8cad46340e0ab37e92c1239cebb1f1a12a rom1_4_54.mp3 Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba.
56
+ 7e4da0f3b5501870dae3534ea1473f798f68df66 rom1_4_55.mp3 Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso.
57
+ 93427e45da7619832b4d8c6476dd71fdef4191be rom1_4_56.mp3 Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
58
+ 4d1084f50b09106cbd130aa7bfa0847ab0890e81 rom1_4_57.mp3 Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo.
59
+ 68746097a4b7b0c1349be6854a665707a6879e4e rom1_4_58.mp3 Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ.
60
+ 08b1019a65add613653c4c12ff8bed0363d46c6e rom1_4_59.mp3 Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
61
+ 38fa0cd1eafe73e8718184f7a36a715b2b26312a rom1_4_60.mp3 Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.
clips/rom1_4_01.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:e5536d3b3d9d02c60e10266b80e32820c9911103ad8f5d373f7cd7deb9dbd9f9
3
+ size 1020905
clips/rom1_4_02.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:7722c8defe9dfeb6ca042d5236059588fea67a85afd148af55b99b879a0aa4ef
3
+ size 1004187
clips/rom1_4_03.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:47e06d02a2cdcb1c891ce5f7de474dd8135a2d6fae3d6cb7a72bfd001d070ea1
3
+ size 1133754
clips/rom1_4_04.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:20c1e32557719c9942140f19189fc9c21ab9019056de6ec96cb942098ccbdd7b
3
+ size 1153607
clips/rom1_4_05.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:7490bed25bd3fca952162a3740da0ccd784e488c9ef08317daccd2ebedb7a069
3
+ size 1175550
clips/rom1_4_06.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:4c53df02b5104056ff9a819d790bd43cea87d3aa513b8a989519f80c699e6f0c
3
+ size 1065836
clips/rom1_4_07.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:149b57aeeb523d52e00f2827ed56ef61674ae2efe3d8a69dcbbd8ebfd2bf9625
3
+ size 1184954
clips/rom1_4_08.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:6d6bc121567a85e5b6a73bff71492f6243fcadb21f4b0618195123447be6d9d1
3
+ size 811925
clips/rom1_4_09.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:d6edd268fc3d5acc3c5990ae2db5226168ec85839a2abf883bebebfe46458fd0
3
+ size 1192268
clips/rom1_4_10.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:a9e5c219f4171b2f2853903418ff09d0d71ec8b48c13ba6531d4df20d7ce9d53
3
+ size 1132710
clips/rom1_4_11.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:67dfd3b15a68b9135303a3c59e930401d57c115bf812f3bd4c072c69bffb206f
3
+ size 654147
clips/rom1_4_12.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:757390447eb07853ccb6307c091bdf11365809eba12889c783f47ff5b3b4d735
3
+ size 550702
clips/rom1_4_13.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:298a652232bace49007f919f11805c2b5924884ff268060a59b4c2666e62ab44
3
+ size 855812
clips/rom1_4_14.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:c14f7ddc792872a33074d8a40fa900fb42009fcbe1e0c428e933aac106048bff
3
+ size 1169282
clips/rom1_4_15.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:13298a7b37e4e557f05013fbd7364dccfecf7ffcfd2ce5ad4c2de7e1c3243ab3
3
+ size 1042849
clips/rom1_4_16.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:80dbc4e9b9c2e2e84e38575927382bc8ce15492e6d807d3ca4a6fd0255a3e8d3
3
+ size 1180775
clips/rom1_4_17.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:3b83a6e19fd0438d07cb199c4b97ac40ae4eeb5e5b715cf789f9d5ac55ecf1cf
3
+ size 1098228
clips/rom1_4_18.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:528eead89ddda94ad5ede664e28a66df0141b5cf225af897ed0fed7c29e07641
3
+ size 794163
clips/rom1_4_19.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:f80734596ce620f5f9c554f133a0a0d339d5c891e6c22b3ad4747d6b5a087f90
3
+ size 853722
clips/rom1_4_20.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:9a2c01c002d1855f616ee03abe316ee21cbc8b06735ac73a96f13ca3e134635b
3
+ size 596677
clips/rom1_4_21.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:8dbf5771fa6a3c4e72a2d5de260b4eaebd0d6175d2b464e76e5ef4f975b7c7ab
3
+ size 509951
clips/rom1_4_22.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:01deb3eba00f6037c754fde8ae0ced631b6339f2395abb3333b6b304176e8f8c
3
+ size 688628
clips/rom1_4_23.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:ccc25d6bcdd995790164a000a5ecdeddd845d5ae5048cfe659fa4fba53e2a605
3
+ size 646833
clips/rom1_4_24.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:b4364717c939927e0ea5fbc462a622a45401ff7fdf409ccda6652dab91e1610c
3
+ size 1163012
clips/rom1_4_25.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:56b0ccf6a64e0b88be4415e1e1321e1cb8453b4ffb64a3858eafee0a2c5e72a7
3
+ size 677135
clips/rom1_4_26.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:5d7d9d58197bc57a132a60574716ba55189714dea60aa06ea330bac1f53d2021
3
+ size 818196
clips/rom1_4_27.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:73d3cdf42139125c2af3b59fc965fa58060c7c6af522a550691d83a7a7e1b982
3
+ size 567420
clips/rom1_4_28.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:096457d79560c6df1a4ed44df1eefae76edf0e51893daeed4804d7b569f49cb8
3
+ size 558016
clips/rom1_4_29.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:77013de35501b103a645360160b1c0725d07994d1b98e0b7610db2bac226eae4
3
+ size 660416
clips/rom1_4_30.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:c35dcd0bb9248e0c57e379a83be5ddd7bb2a64abb8076e85ebf612b994a5e29a
3
+ size 794163
clips/rom1_4_31.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:6965316e58c5de42b40cffbbeb16c6209a2fd399b6cb4ce126c34f6027ba9bc9
3
+ size 456661
clips/rom1_4_32.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:67c5b39beb6c849d5277d80d30571c13ef761ac8f82617f0e1bcc9e1f2074b62
3
+ size 700122
clips/rom1_4_33.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:f5c945c08426dcbe70be75c3716c644fd501d5fb9838a118a7aa1e454794a167
3
+ size 662506
clips/rom1_4_34.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:e73dbf22d41b5bd4c35207c1b855132324370c11a2c66d1b838e9df5569f851f
3
+ size 850588
clips/rom1_4_35.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:020acaecfc90af7a46dc0833910baa3ccb792cd103e8b4cffde8499eb840cfa9
3
+ size 914326
clips/rom1_4_36.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:c4eee9f1d96339d2e2fa034b5891a4174ef33f9c5a985263a29023365597f618
3
+ size 943584
clips/rom1_4_37.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:e78d26fe54e76815a7ad1842f7f2d468a5d86dc2a50a8a476fda52798c93d513
3
+ size 801477
clips/rom1_4_38.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:457c10b85ff8400b2a7ad7eb2613dfaf141c7f9d47b0331097c51d298f9794ba
3
+ size 542343
clips/rom1_4_39.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:3b12ffb8018a0a83bb917bf705f729a9ac4a818f165d23fbf3c6a98fc5a5fcae
3
+ size 549657
clips/rom1_4_40.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:c953c5ded0f6e2c7b301fd7e9668abb33137891e8bf61433a6c0dc8d9a9aa223
3
+ size 445167
clips/rom1_4_41.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:e5a3c11335e9a1a67487216661d9c8c6485e7342281c82d68bcb26d7df00a9ee
3
+ size 537118
clips/rom1_4_42.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:73315f1adfeb99257a5d550f20ac7d07688111f9f6986943df54e844affb3899
3
+ size 461886
clips/rom1_4_43.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:7a1275d35235e4c22cbb58df6199ac70c44ae4d6f1d5b2e081539cb8a7c60bcc
3
+ size 390833
clips/rom1_4_44.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:8a43bfaf4eea04d95369fce4ff68229942df730ab306634386d9079c1b9ebcae
3
+ size 569510
clips/rom1_4_45.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:52b46bfd63e22fbc9fa19c068388bf3055716c4502009597366023ff3277e028
3
+ size 686539
clips/rom1_4_46.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:779fce7d148bcadc1b32941c596364c36a5bb37cac8070be5ac0403e6a441de9
3
+ size 551747
clips/rom1_4_47.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:53d407252de71b27f5419a3b2a1ccf0fbf03985e647d7f43a7a9f5179de05cee
3
+ size 763861
clips/rom1_4_48.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:fbe1518a3a89749676c74d2d617ff4aa7bb9bea87a9d4487c054d2fb4741574b
3
+ size 895518
clips/rom1_4_49.mp3 ADDED
@@ -0,0 +1,3 @@
 
 
 
 
1
+ version https://git-lfs.github.com/spec/v1
2
+ oid sha256:1fa15c02763480f696dad40b4b7c0975a6ceb27e2e6bea36224fdbbf0ac7d97a
3
+ size 771175